Matthew 28

Owusɔre

1Homeda a ɛyɛ Kwasida ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔɔ ɛda no so.

2Amonom, asase wosowee dennen; na Awurade bɔfo sian fi soro bae, bepirew ɔbo no fii ɛda no ano, na ɔtenaa so. 3Nʼanim hyerɛn te sɛ kanea na nʼatade yɛ fitaa te sɛ nwera. 4Awɛmfo no huu no no, ehu maa wɔn ho popoe, na wɔhwehwee ase, danee sɛ awufo. 5Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ mmea no se, “Munnsuro! Minim sɛ, morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnuam no, 6nanso, onni ha. Wasɔre kɔ sɛnea ɔkae no. Mommra mmɛhwɛ nea na ɔda hɔ no. 7Afei monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ nʼasuafo no se, ‘Wasɔre afi awufo mu, na ɔredi mo anim kan akɔ Galilea akohyia mo wɔ hɔ.’ Eyi ne nkra a mewɔ de ma mo.”

8Mmea no de hu ne anigye a adi afra tutuu mmirika fii ɛda no so sɛ, wɔrekɔhwehwɛ asuafo no aka ɔbɔfo no nkra no akyerɛ wɔn. 9Wɔrekɔ no, prɛko pɛ, Yesu begyinaa wɔn anim. Okyiaa wɔn se, “Asomdwoe nka mo.” Wobuu no nkotodwe, som no.

10Afei, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro! Monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom no se, wɔnkɔ Galilea nkohyia me wɔ hɔ.”

Nea awɛmfo no kae

11Bere a mmea no rekɔ kurow no mu no, awɛmfo a wɔwɛn ɛda no mu bi kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn kɔkaa nea asi no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 12Yudafo mpanyin no nyinaa hyiae, na wosii no gyinae sɛ, wɔbɛma awɛmfo no sika aka akyerɛ wɔn 13se, “Monka se, ‘Anadwo a yɛdae no, na nʼasuafo no ba bewiaa amu no de kɔe.’ ”

14Wɔhyɛɛ awɛmfo no bɔ sɛ, “Sɛ ɛba sɛ amrado te ɛho asɛm a, yɛbɛkyerɛkyerɛ no mu sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrenyɛ mo hwee.”

15Eyi nti, awɛmfo no gyee sika no kɔyɛɛ sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Asɛm a wɔkae no trɛw faa Yudafo no mu nyinaa na wogye di de besi nnɛ.

Yesu yi ne ho adi kyerɛ nʼasuafo no

16Afei, asuafo dubaako no siim kɔɔ Galilea bepɔw a Yesu kae se wobehu no wɔ so no so. 17Ɛhɔ na wohuu no, kotow, sɔree no. Nan so, na wɔn mu bi nnye nni sɛ ɛyɛ Yesu.

18Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. 19Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, 20na monkyerɛkyerɛ wɔn se, wonni nea mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.”

Copyright information for TwiNAK